Nnwom. 88. Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom. Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ. Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owuo. Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu; mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden. Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu, te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio. Woato me atwene damena ase tɔnn, wɔ esum kabii mu. Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane; awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu. Ao Awurade mesu frɛ wo da biara; metrɛ me nsam kyerɛ wo. Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa? Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa, anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom? Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum, anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so? Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me; me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu Ao Awurade, adɛn nti na wopo me na wode wʼanim hinta me? Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba. Wʼabofuhyeɛ abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me. Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire, na wɔabu afa me so koraa. Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ; na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.