Nnwom. 88. Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom. Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae. Ma me mpaebɔ nnu wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owu. Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no; mete sɛ obi a onni ahoɔden. Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu, te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio. Woatow me akyene ɔda ase tɔnn, wɔ sum kabii mu. Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan; awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu. Awurade misu frɛ wo da biara; metrɛw me nsam kyerɛ wo. Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana? Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu, anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana? Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum, anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana? Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me; me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu. Adɛn, Awurade, na wopo me na wode wʼanim hintaw me? Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw. Wʼabufuwhyew abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me. Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri, na wɔabu afa me so koraa. Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ; na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.